Ahobanbɔ fri nsaneyadeɛ ho adeyɔ a ɛnnyɛ den na ɛsan yɛ adwuma paa ɛne sɛ wode samena ne nsuo bɛ tae ahohoro wo nsa. Hohoro wo nsa anyɛ yiye koraa bere a woakɔ tiafi ne bere a worebedidi biara.
Sɛ wodi nhunumu/nyansahyɛ yi a yɛabobɔ so wɔ aseɛ hɔ no so a, wo betumi abɔ wo ho ban afri nsaneyadeɛ ahodoɔ pii ho.
Ahobanbɔ fri nsaneyadeɛ ho adeyɔ a ɛnnyɛ den na ɛsan yɛ adwuma paa ɛne sɛ wode samena ne nsuo bɛ tae ahohoro wo nsa. Hohoro wo nsa anyɛ yiye koraa bere a woakɔ tiafi ne bere a worebedidi biara.
Tae dware na twitwiri wo se mprɛnsa dakro.
Berɛ ano berɛ ano ahosohwɛ bɔ wo ho ban fri yareɛ ahodoɔ ho. Kɔ Apomuden-Mmoa hɔ sɛ wo se yɛ wo ya a.
Yareɛ ahodoɔ pii wɔ hɔ a wo betumi asi ano sɛ wowɔ ɛho paneɛ a. Nnipa dodoɔ gye wɔ yareɛ ho paneɛ a, nnipa kakra bi na ɛbɛ yareɛ.
Swiss man apomuden mpaninfoɔ susu sɛ ɛwɔ sɛ yɛwɔ paneɛ de ko tia yareɛ (yɛrebɔ ketewa bi so):
Kɔ Apomuden-Mmoa hɔ kɔgye afutuo
Yareɛ pii ka AIDS ho a ɛbetumi afa mmaa ne mmarima nna mu sae. Kwan titiriw a wo betumi de abɔ wo ho ban ɛne sɛ wo bɛhyɛ kɔndɔm abrɛ a wone obi reda. Mmaa kɔndɔm nso wɔ hɔ.
Yɛkyekyɛ kɔndɔm wɔ beae hɔ, faako a yɛtɔn nnuro, famasi anaa sotɔɔ ahodoɔ mu.
Sɛ wode mpaneɛ a yɛde adi dwuma pɛn de ma wo ho aduro a, ɛbetumi afa mogya mu asae wo. Ne saa nti fa paneɛ a efii nkaa no na obiara mfa nni dwuma pɛn na ɛyɛ adwuma.
Kɔ Apomuden-Mmoa hɔ sɛ woanyinsɛn a. Adwumayɛfoɔ no ne wo bedi nkɔmmɔ afa w’asɛdeɛ ho ɛne deɛ ehia sɛ woyɛ na ama wo ne wo ba no anya apomuden, ɛna wɔ ne nimdefoɔ bɛhyehyɛ nhyɛnahɔ ama wo.
Ma Apomuden-Mmoa ɛntae nhwɛ wo mma no. Apomuden-Mmoa nso betumi aboa wo wɔ nsɛmmisa biara a wowɔ de fa mmɔfra no adidie mu ɛne wɔn sohwɛ. Ne saa nti mmɔfra no bɛ tena ahoɔden mu na wɔ anyini yie.