Ayarehwɛ wɔ Switzerland man mu

Obiara a ɔwɔ Switzerland man wɔ faahodie sɛ ɔgye ayarehwɛ. Wɔ beae a wɔgye wɔn a wɔre hwehwɛ banbɔ/bammɔ hɔ no deɛ, di kan kɔ Apomuden-Mmoa hɔ sɛ wo hu yareɛ nsɛnkyerɛne biara a.

Di kan kɔ dɔkota a ɔhwɛ wo daadaa

Wɔ Switzerland man mu deɛ dɔkota a ɔhwɛ wo daadaa no na wo di kan kɔ ne hɔ sɛ yareɛ anaa nkwanhyia ba a. Wɔsa wo yare, na sɛ ɛho behia a, wɔkyerɛ wo kwan kɔ ayaresabea anaa ɔbenfo bi hɔ.

Sɛ dɔkota a ɔhwɛ wo daadaa no nim ɔyarefoɔ no apomuden ho abakɔsɛm a, ɔbetumi ama wɔn ayarehwɛ mmapa. Ne saa nti da biara da di kan kɔ dɔkota a ɔhwɛ wo daadaa no hɔ.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo ho mfa wo a, mɛnnikan nkɔ ayaresabea pɔtee bi na mmom kɔ dɔkota a ɔhwɛ wo daadaa no.

Icon_Medic_Help.png

Wɔ putupru berɛ mu deɛ anaa awoɔ ka wo a, kɔ ayaresabea hɔ tee.

Ayarehwɛ wɔ beae a wɔgye wɔn a rehwehwɛ banbɔ/bammɔ

Sɛ wode adesrɛdeɛ aba sɛ wo hia banbɔ/bamm ɔ (N permit), wo hia ahobanbɔ (S) anaa sɛ y’agye wo atom berɛ tiawa bi (F) a, mpaninfoɔ no bɛyɛ apomuden nsiakyibaa nhyehyɛeɛ de ama wo. Sɛ wowɔ temanmufoɔ nkrataa a (B anaa C permit), ɛyɛ w’asɛdeɛ sɛ w’ankasa yɛ w’apomuden nsiakyibaa. Ɛyɛ nhyɛ sɛ wo nya nsiakyibaa.

Adɔkotafoɔ ne apomuden adwumayɛfoɔ hyɛ adwuma mmara a ɛbɔ wɔn ano so ase: Mmara mma wɔn ho kwan sɛ wɔn mfa wo ho nsɛm biara ɛmma nnipa foforɔ biara. Ɛyɛ nhyɛ sɛ wɔgye mpenesoɔ fri wo hɔ.