Nyarewa

Woanya yareɛ bi berɛ tenten anaa? Wo tae nom aduro berɛ ano berɛ ano? Wo fa ayarehwɛ mu wɔ ɔman a wo fri mu no anaa berɛ a na wore dwane no?

Icon_Medic_Help.png

Kɔ Apomuden-Mmoa na kyerɛkyerɛ wo haw no mu.

Nyarewa ahodoɔ bi sane. Wei kyerɛ sɛ nyarewa no betumi afri nnipa baako hɔ akɔ asae ɔfoforɔ. Ɛbetumi afa mframa mu, nsa fi so, mogya anaa mmaa ne mmarima nna mu, ɛfeɛ mu, nneɛma a efri nipadua mu pue anaa sɛ wo ho ka obi ankasa.

Icon_Medic_Help.png

Kɔ Apomuden-Mmoa sɛ wo hunu saa yareɛ ho nsɛnkyerɛne wei mu bi a. Wei boa bɔ wo ne nnipa a ɛbɛn wo ho ban.

Yareɛ ahodoɔ bi te sɛ gonorrhoea, herpes, syphilis anaa chlamydia betumi afa mmaa ne mmarima nna mu asae. Nsunsuanso bi ne nsu ahorow a efi nipadua no mu, ahoɔhene, ahonhono, akuroakuro, anaa yaw wɔ nipadua no fa a wo baa ne wo barima wɔ no.Na mmom wo betumi anya bi nanso wo nnya yareɛ ho nsɛnkyerɛne biara.

Icon_Kondome.png

Bɔ wo ho ban fri nna mu yareɛ ho. Hyɛ kɔndɔm berɛ biara a wone obi bɛda. Wo betumi anya bi wɔ bea ha anaa sɛ wo betumi atɔ wɔ faako a yɛtɔn nnuro, famasi anaa sotɔɔ ahodoɔ mu.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ ɛkɔ ba sɛ wo te nka sɛ wo anya nna mu yareɛ a, kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo ntumi nkyerɛ sɛ wo anya nna mu yareɛ abrɛ a wone obi akɔda na wo anhyɛ kɔndɔm a, kɔ Apomuden-Mmoa hɔ kɔ gye akwankyerɛ. Mɛntwɛn sɛ wo behunu yareɛ no ho nsɛnkyerɛne ansa.

HIV yɛ mmoawa bi a ɛma wo nipadua akwaa a ɔko tia nyarewa no yɛ mmerɛ. Mmoawa no betumi atena wo nipadua mu aberɛ a wo nkyerɛ yareɛ no ho nsɛnkyerɛne biara. Sɛ wo nna aduro so a, ɛbetumi ama wo nipadua no ayɛ mmerɛ akosi sɛ wo bɛ yare. Yɛfrɛ wei sɛ AIDS.

Saa yareɛ yi nam mogya mu na ɛsae, abrɛ a wo ne obi reda na wo nhyɛ kɔndɔm, ɛnam mpaneɛ a efii aka ho, anaa sɛ efri maame hɔ kɔma ne ba a ɔhyɛ yafunu mu. Sɛ saa mmoawa yi bi wɔ wo mu a, wo betumi de asae afoforɔ mpo sɛ wo nkyerɛ yareɛ no ho nsɛnkyerɛne biara.

HIV/AIDS enni ano aduro. Na mmom nnuro boa sosɔ mmoawa no ano na ate nsunsuansoɔ no so.

Icon_Kondome.png

Bɔ wo ho ban fri HIV/AIDS ho. Hyɛ kɔndɔm berɛ biara a wo ne obi reda. Wo betumi anya bi wɔ beae ha anaa sɛ wo betumi atɔ wɔ faako a yɛtɔn nnuro, famasi anaa sotɔɔ ahodoɔ mu.

Icon_Spritze.png

Fa paneɛ a efii nkaeɛ na obiara mfa nni dwuma da fa ma wo ho aduru.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo ntumi nkyerɛ sɛ wo anya HIV/ AIDS yareɛ abrɛ a wone obi akɔda na wo anhyɛ kɔndɔm a, kɔ Apomuden/Mmoa hɔ kɔ gye akwankyerɛ. Mɛntwɛn sɛ wo behunu yareɛ no ho nsɛnkyerɛne ansa.

Nnipa a wɔn wɔ nsamanwa no bɔ wa annyɛ koraa no nnawɔtwe mmeɛnsa, onya ahoɔhyeɛ, te mfifire anadwo, anaa ne so te. Nnipa a wɔn wɔ ahoɔden betumi anya bi sɛ ɔhome mframa a obi abɔ nsamanwa agu mu.

Nsamanwa yɛ hu. Na mmom sɛ yɛ hunu no ntɛm a, yɛ tumi sa. Ayarehwɛ no di annyɛ koraa no, abosome nsia.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wowɔ nsamanwa yareɛ ho nsɛnkyerɛne, y’asa wo nsamanwa yareɛ pɛn anaa wone obi a na ɔwɔ yareɛ no bi adi nkitaho a, kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Mmorosa, nnuro ɛne nneɛma afoforɔ bi betumi ama wo atɔ mu ntentan na asɛe w’apomuden. Kwati nnubɔne a wɔde di dwuma no.

Yareɛ betumi afa mogya mu asae sɛ ɛba nnuro a yɛde fa ntini mu a, mfatoho bi ne sɛ wode paneɛ a yɛde adi dwuma dada rewɔ woho.

Icon_Spritze.png

Sɛ wo ntumi nnyae nnuro fa a, ɛnneɛ fa paneɛ a efii nkaa no na yɛ mfa nni dwuma da na fa yɛ sɛ deɛ wo mfa yareɛ.

Icon_Medic_Help.png

Yɛbɛ tumi ahwɛ suban a woatɔ mu ntentan na y’aso ano. Kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Woafa tebea a emu yɛ den mu anaa basabasayɛ – bi te sɛ akoo, adwanedwane, ateetee kɛseɛ ɛne monatoɔ – betumi ama nipadua no anaa adwene no anya yareɛ. Nsa boro anaa suban afoforɔ a wo atɔ mu ntentan nso betumi aka ho.

Ɛyɛ nnipa pii a wɔn ho aka no den sɛ wɔ bedi nkɔmmɔ afa adwene mu haw ho. Ɛho hia sɛ wo bɛma wo ani abere ho na woakogye ayarehwɛ te sɛ deɛ wo bɛyɛ ama yare foforɔ biara no.

Adwene mu yareɛ ho nsɛnkyerɛne bi ne sɛ wo ntumi nna yie berɛ tenten so, adaeɛbɔne so, yaw a wo ntumi nkyerɛ aseɛ anaa ɔhaw afoforɔ bi.

Icon_Medic_Help.png

Yɛbɛ tumi ahwɛ adwene mu haw. Kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Chickenpos yɛ yareɛ a ɛsae/ɛsan yie paa. Deɛ ɛtae ma wo hunu no yie yɛ ahoɔhyeɛ a honam ani nsawa a ahyɛ nsuo a ani da hɔ sɛ ɛrehyɛ aseɛ foforɔ a. Wubetumi abɔ wo ho ban wɔ kyekenpɔs ho denam paane a wobɛwɔ so.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo anaa sɛ wo ba dan no adi sɛ w’anya Chickenpos a, kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo nya enyaa Chickenpos da, na wo nwɔɔ ɛho paneɛ pɛn a, Kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Nnipa a wɔanya ntobro tae nya ahoɔhyeɛ, wɔ ani yɛ kɔkɔɔ, bɔ wa ɛna honam ani nsawa a ade kɔkɔɔ sisi mu. Wo betumi abɔ wo ho ban afri ntobro ho abrɛ a worewɔ ɛho paneɛ.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo anaa sɛ wo ba da no adi sɛ w’anya ntobro a, kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo nya enyaa ntobro da, na won wɔɔ ɛho paneɛ pɛn a, Kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Nkuwankuwa yɛ yareɛ bi a ɛka nipadua no akwaa a yɛ home fa mu no soro anaa honam ani. Yɛwɔ mu ahodoɔ mmienu: menemu nkuwankuwa ɛna honam ani nkuwankuwa.

Nnipa a wɔanya menemu nkuwankuwa no tae nya menemu yaw, ahoɔhyeɛ ɛna wɔ te yaw abrɛ a wɔre mene adeɛ. Ade titiriw a ɛma obi hu sɛ wɔanya nkuwankuwa yɛ ekuro a enwu yie. Wo betumi awɔ ɛho paneɛ de abɔ wo ho ban afri nkuwankuwa ho.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo anaa sɛ wo ba da no adi sɛ w’anya ntobro a, kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo nya enyaa menemukuro da, na won wɔɔ ɛho paneɛ pɛn a, kɔ Apomude-Mmoa hɔ.

Scabies yɛ honam ani yareɛ bi akɔ akyire paa. Ɛyɛ mmoa bi a wɔ bɔne tokro wura wedeɛ no mu.

Nipadua no nya ahoɔhene paa, ahyɛnsuo, ɛna honam ani nsawa ne titiriw wɔ nipadua no fa a wo baa anaa wo barima wɔ no, wo nsa ntam, wo abakɔn ɛna wo apɔ so, wo amotoam ɛna wo nufu ano.

Yareɛ no sae abrɛ a nnipa mmienu adi nhyiamu.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo anaa sɛ wo ba da no adi sɛ w’anya Scabies a, kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Sɛ ɛkɔ ba sɛ wo afu ɛne wo nsono ahuhuru, abofono ɛne ayamtuo a ahoɔhyeɛ ne yafunu yaw ka ho a. Nnipa a wɔn wɔ saa yareɛ yi hwere nsuo pii wɔ berɛ tiawa bi ntam.

Icon_Medic_Help.png

Sɛ wo anaa sɛ wo ba da no adi sɛ w’anya gastro-enteritis a, kɔ Apomuden-Mmoa hɔ.

Icon_Trinken.png

Nom nsuo pii anaa nom tea nkakrankakra.

Icon_Haende_waschen.png

Tae fa nsuo ne samena hohoro wo nsa na amma wo amfa ansan afoforɔ.

Yareɛ afoforɔ pii wɔ hɔ. Wo behunu nsɛm a ehia fa nsaneyadeɛ ahodoɔ a ɛho hia pii ho.

Icon_Medic_Help.png

Kɔ Apomuden-Mmoa hɔ mpo sɛ yareɛ ho nsɛnkyerɛne a wonya no ne yareɛ ahodoɔ a y’akyerɛmu enni nsɛ a.